8 Na esiane sɛ Yehowa dɔ mo+ na ɔpɛ sɛ odi ntam a ɔkaa mo agyanom no so+ nti na Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo+ fii nkoafie,+ na ogyee mo fii Egypt hene Farao nsam no.
23 Na ɔman biako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn fae sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwonwadwuma+ akɛse de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wugyee+ wɔn fii Egypt, a wɔn nti wopam amanaman no ne wɔn anyame no?