7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+
34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
20 “Saa nna no ne saa bere no,”+ Yehowa asɛm ni, “wɔbɛhwehwɛ Israel mmarato+ na wɔrenhu; wɔbɛhwehwɛ Yuda bɔne,+ na wɔrenhu, efisɛ wɔn a mɛma wɔaka no, mede wɔn bɔne befiri wɔn.”+