1 Ahene 22:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano,+ mmarima bɛyɛ ahanan, na obisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko, anaa minnyae?” Na wɔkae sɛ: “Kɔ,+ na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.” Yesaia 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mpanyimfo ne anuonyamfo ne eti no,+ na adiyifo a wɔkyerɛ atosɛm ne dua no.+ Yeremia 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔsa me man akuru biara biara,+ na wɔka sɛ, ‘Asomdwoe wɔ hɔ! Asomdwoe wɔ hɔ!’ bere a asomdwoe biara nni hɔ.+ Hesekiel 13:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo+ a wodi wɔn ankasa honhom akyi+ bere a wonhuu hwee no nnue!+ 1 Yohane 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni,+ na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn anaa,+ efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.+
6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano,+ mmarima bɛyɛ ahanan, na obisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko, anaa minnyae?” Na wɔkae sɛ: “Kɔ,+ na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
14 Wɔsa me man akuru biara biara,+ na wɔka sɛ, ‘Asomdwoe wɔ hɔ! Asomdwoe wɔ hɔ!’ bere a asomdwoe biara nni hɔ.+
3 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo+ a wodi wɔn ankasa honhom akyi+ bere a wonhuu hwee no nnue!+
4 Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni,+ na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn anaa,+ efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.+