9 “‘Mede ɔhyew baa mo so na memaa yare tew sii mo mfuw so.+ Moyeyɛɛ bobe nturo ne nturo foforo pii, nanso ɔsã wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.
16 bere a saa nsɛm no sisii no, sɛ obi ba awi a wɔaboa ano ho sɛ obenya susukora aduonu a, ɛdan du; na sɛ obi ba nsã-kyi-amoa ho sɛ ɔbɛsaw susukora aduonum a, ɛdan aduonu.+