Dawid dwom; bere a ɔreguan afi ne ba Absalom anim no.+
3 O Yehowa, dɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa?+
Dɛn nti na nnipa pii sɔre tia me?+
2 Nnipa pii ka wɔ me kra ho sɛ:
“Onyankopɔn rennye no nkwa.”+ Sela.
3 Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm,+
Wone m’anuonyam+ ne Nea ɔma me ti so.+
4 Mɛma me nne so afrɛ Yehowa,
Na obegye me so afi ne bepɔw kronkron so.+ Sela.
5 Me de, mɛda me kɛtɛ so, na mada;
Menyan efisɛ Yehowa gyina m’akyi.+
6 Merensuro nnipa mpempem
A wɔatwa me ho ahyia.+
7 O Yehowa, sɔre ɛ!+ Me Nyankopɔn,+ gye me ɛ!+
Bubu m’atamfo nyinaa abogye.+
Dwiriw abɔnefo sẽ.+
8 Nkwagye yɛ Yehowa dea.+
Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela.