38 Ɛbae sɛ bere a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotowee no, n’ankasa mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.
28 “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he?+ Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a,+ momma wɔnsɔre. Sɛnea mo nkurow dodow te no, saa ara na mo anyame nso dodow te, O Yuda.+
4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+