19 Ɛmmaa obiara komam,+ na obi nni nimdeɛ anaa nhumu+ a ɔbɛka sɛ: “Mede bi asɔ ogya, matõ paanoo wɔ ne nsramma so; matõtõ nam wɔ so awe. Afei memfa nea aka no nyɛ akyide?+ Duwui na menkotow no anaa?”
20 “Mommoa mo ano mmra.+ Mommom ntwiw mmɛn, mo a moaguan afi amanaman mu.+ Wɔn a wɔsoso ohoni a wɔde dua asen anaa wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae no nnim hwee.+