Mika 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mayɛ Yehowa bɔne,+ enti mɛsoa n’abufuw akosi sɛ obedi m’asɛm ama me na wabu atɛn ama me.+ Ɔde me bɛba hann mu ama mahu ne trenee.+ Luka 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na biribiara nni hɔ a wɔakata so a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.+ Romafo 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no. 1 Korintofo 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+
9 Mayɛ Yehowa bɔne,+ enti mɛsoa n’abufuw akosi sɛ obedi m’asɛm ama me na wabu atɛn ama me.+ Ɔde me bɛba hann mu ama mahu ne trenee.+
5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no.
5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+