10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.+ Na nkrante bedi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔre+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
17 “Onipa ba, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahorow ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mummehyiam wɔ afɔre kɛse a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔw so no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+
17 Afei nso mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa+ a wotu fa wim nyinaa sɛ: “Mommra mmehyia Onyankopɔn apontow kɛse no ase,