11 Ɛnna Mose bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo+ sɛ: “Yehowa, adɛn na wo bo afuw+ wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asase so yi?
6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn no kyɛw ma me, na bɔ mpae ma me na me nsa no nyɛ yiye.”+ Na nokware Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw,+ na ɔhene nsa no yɛɛ yiye, na ɛyɛɛ sɛnea ɛte kan no.+
19 So Yuda hene Hesekia ne Yudafo nyinaa kum no? Ɛnyɛ Yehowa na osuroo no, na odwudwoo Yehowa bo+ ma Yehowa nso gyaee mmusu a ɔkae sɛ ɛbɛba wɔn so no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusu kɛse na yɛde bɛba yɛn kra so.+