2 Ahene 17:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 nanso wɔantie na wosinsen wɔn kɔn+ sɛnea wɔn agyanom a wɔannye Yehowa, wɔn Nyankopɔn anni+ no sinsen wɔn kɔn no; 2 Beresosɛm 33:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo daa, nanso wɔantie.+ Mmebusɛm 1:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Esiane sɛ mafrɛ na moantie,+ mateɛ me nsa na obiara ammua,+ Yeremia 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+
14 nanso wɔantie na wosinsen wɔn kɔn+ sɛnea wɔn agyanom a wɔannye Yehowa, wɔn Nyankopɔn anni+ no sinsen wɔn kɔn no;
10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+