Mmebusɛm 3:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mmɔ wo yɔnko ho pɔw bɔne+ biara, bere a ɔne wo te asomdwoe mu.+ Yeremia 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hohoro wo koma mu bɔne, Yerusalem, na wɔagye wo.+ Da bɛn na w’adwemmɔne bɛtena wo mu akosi?+ Sakaria 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na monhwɛ na obiara ansisi okunafo+ anaa agyanka,+ ɔhɔho+ anaa nea ahia no,+ na mommmɔ mo nua ho pɔw bɔne wɔ mo komam.’+ Mateo 15:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+
10 Na monhwɛ na obiara ansisi okunafo+ anaa agyanka,+ ɔhɔho+ anaa nea ahia no,+ na mommmɔ mo nua ho pɔw bɔne wɔ mo komam.’+
19 Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne,+ awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.+