10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni, “na mmɔ hu, O Israel,+ efisɛ megye wo afi akyirikyiri na magye wo mma afi asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+