8 “Mɛyɛ dɛn apo wo, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ Me koma adan wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ ogya.
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifo; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuw ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi ka na n’ani sã n’atamfo.+