18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anantew saa nna no mu, na wɔn baanu befi adi afi atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+
16 “Onipa ba, hwehwɛ dua+ bi na kyerɛw so sɛ, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no dea.’+ Fa dua foforo nso na kyerɛw so sɛ, ‘Yosef dea, Efraim dua,+ ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa.’+
10 “Na Israelfo bɛdɔɔso sɛ mpoano anhwea a wontumi mmu wɔn ano na wontumi nkan wɔn.+ Na faako a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’+