4Na ɔbea bi a ɔyɛ adiyifo asefo+ no biako yere besu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wunim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma baanu no akɔyɛ nkoa.”
8 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn na yegyee yɛn nuanom Yudafo a wɔtɔn wɔn maa amanaman no san de wɔn bae+ sɛnea yɛn ahoɔden betumi; moresan atɔn mo ankasa mo nuanom+ anaa, na yɛnsan ntɔ wɔn bio?” Mekaa saa no, wɔyɛɛ komm na wɔantumi anka hwee.+