33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa wo sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duru bɛn na ɛwɔ hɔ?’ a,+ wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo nkurɔfo yi, moyɛ adesoa a emu yɛ duru yiye!+ Na mɛpo mo,”+ Yehowa asɛm ni.’
2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfo hu atoro anisoade+ na dae a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.+ Eyi nti wɔde wɔn ti bedom te sɛ nguan,+ na ɔhwɛfo+ a wonni nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.