21 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae+ a, tie yɛn nkotɔsrɛ;+ sɛ edu w’asom, wo soro tenabea hɔ a, fi hɔ tie yɛn.+ Tie na fa kyɛ yɛn.+
9 Osũ na wɔde bɛba,+ na wɔn nkotɔsrɛ mu na mede wɔn bɛba. Mɛma wɔafa ɔkwan tẽẽ so akɔ asuten ho,+ na wɔrenhintiw wɔ so. Meyɛ Israel Agya,+ na Efraim yɛ m’abakan.”+