10 Yesu bua see no sɛ: “Sɛ wunim akyɛde+ a Onyankopɔn de ma kwa ne onii+ a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wubebisa no na wama wo nkwa nsu.”+
17 Na honhom+ no ne ayeforo+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma nea ɔte biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+