23 Lewifo no nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na wɔbɛsoa.+ Na wɔrennya agyapade+ biara wɔ Israelfo mu. Eyi yɛ ahyɛde a mo ne mo nkyirimma nyinaa bedi so daa.
15 “‘Na Sadok+ mma Lewi asɔfo+ a wɔhwɛɛ me kronkronbea hɔ bere a Israelfo twee wɔn ho fii me ho+ no de, wɔbɛbɛn me abɛsom me na wɔagyina m’anim+ de srade+ ne mogya+ abɔ afɔre ama me,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.