Deuteronomium 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Enti ɔmaa ɔkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛase.+ Afei ɔmaa wo mana+ a wo ne w’agyanom biara nhuu bi da dii na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom so.+ Luka 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso Yesu buaa no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase.’”+ Yohane 4:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduan+ ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde+ na mawie n’adwuma.+
3 Enti ɔmaa ɔkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛase.+ Afei ɔmaa wo mana+ a wo ne w’agyanom biara nhuu bi da dii na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom so.+