9 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifo+ ne wɔn a wodi nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+