Mmebusɛm 27:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew+ te sɛ nsuyiri; ninkuntwe de, hena na obetumi agyina anim?+ Yohane 12:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɛnna Farisifo+ no sisee wɔn ho sɛ: “Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.”+ Romafo 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 na nea ɛnteɛ+ nyinaa, amumɔyɛ,+ anibere,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaw,+ awudi,+ ntawntawdi,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wotutu nsɛm gu nkurɔfo asom,+
29 na nea ɛnteɛ+ nyinaa, amumɔyɛ,+ anibere,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaw,+ awudi,+ ntawntawdi,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wotutu nsɛm gu nkurɔfo asom,+