11 Nanso bere a nnipakuw no hui no, wodii n’akyi. Na ogyee wɔn fɛw so fii ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn,+ na ɔsaa wɔn a wohia ayaresa no yare.+
38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ofi Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na okyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn so nyinaa yare,+ efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+