Mateo 24:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na atoro adiyifo+ bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree,+ 2 Petro 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nanso atoro adiyifo nso sɔree wɔn mu sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu no.+ Eyinom bewiawia wɔn ho de fekusɛm a edi awu aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo,+ na wɔn ankasa de ɔsɛe bɛba wɔn ho so ntɛm. 1 Yohane 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni,+ na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn anaa,+ efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.+
2 Nanso atoro adiyifo nso sɔree wɔn mu sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu no.+ Eyinom bewiawia wɔn ho de fekusɛm a edi awu aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo,+ na wɔn ankasa de ɔsɛe bɛba wɔn ho so ntɛm.
4 Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni,+ na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn anaa,+ efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.+