Marko 1:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nsa maa no so; na atiridii no gyaee no,+ na ofii ase som wɔn.+ Luka 4:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Ɔsɔre fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fie. Ná Simon asebea yare atiridii denneennen, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+ Luka 4:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Enti ogyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no,+ na egyaee no. Mpofirim ara ɔsɔre fii ase som wɔn.+
38 Ɔsɔre fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fie. Ná Simon asebea yare atiridii denneennen, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+