Marko 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na dumien a ɔpaw wɔn no ne Simon, a ɔtoo no din Petro,+ Luka 6:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔpaw wɔn mu dumien frɛɛ wɔn “asomafo”:+ Asomafo Nnwuma 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti, woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu,+ faako a na wɔte no, Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon a ɔyɛ nsiyɛfo no, ne Yakobo ba Yuda.+
13 Enti, woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu,+ faako a na wɔte no, Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon a ɔyɛ nsiyɛfo no, ne Yakobo ba Yuda.+