14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yenguan,+ anyɛ saa a, yɛrennya baabi mfa mfi Absalom anim! Monka mo ho, na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrante ammɔ kurow yi!”+
34 Eyi nti, meresoma+ adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn.+ Mubekum+ wɔn mu binom abɔ wɔn asɛndua mu, na mobɛka ebinom mpire+ mo hyia adan mu na moatan wɔn ani fi kurow so akɔ kurow so;