52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfo biara a wɔakyerɛ no ɔsoro ahenni+ ho ade no te sɛ ofiewura bi a oyi nneɛma foforo ne dedaw adi fi n’akorade dan mu.”+
45 Onipa pa fi adepa a wakora so ne komam no mu yi adepa adi,+ nanso ɔbɔnefo fi nnebɔne a wakora so mu yi adebɔne adi; efisɛ nea ayɛ koma mã aboro so no na ano ka.+
6 Tɛkrɛma yɛ ogya.+ Tɛkrɛma yɛ nipadua kwaa a amumɔyɛ ahyɛ no mã, efisɛ ɛde nkekae ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde ogya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.