Marko 3:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Obiara a ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me maame.”+ Yohane 14:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Yesu bua see no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn de hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.+ Yohane 15:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.+ Yohane 20:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, na minnya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom si kwan so kɔ me nuanom+ nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn no+ nkyɛn.’” Romafo 8:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 efisɛ wɔn a odii kan gyee wɔn toom+ no, ɔhyɛ too hɔ+ nso sɛ wɔbɛyɛ ne Ba no sɛso,+ na wayɛ anuanom+ pii mu abakan.+ Hebrifo 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na nea ɔtew nkurɔfo ho ne wɔn a ɔtew wɔn ho+ no nyinaa fi obiakofo mu,+ na ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn “anuanom,”+
23 Yesu bua see no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn de hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.+
17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, na minnya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom si kwan so kɔ me nuanom+ nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn no+ nkyɛn.’”
29 efisɛ wɔn a odii kan gyee wɔn toom+ no, ɔhyɛ too hɔ+ nso sɛ wɔbɛyɛ ne Ba no sɛso,+ na wayɛ anuanom+ pii mu abakan.+
11 Na nea ɔtew nkurɔfo ho ne wɔn a ɔtew wɔn ho+ no nyinaa fi obiakofo mu,+ na ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn “anuanom,”+