21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara de a,+ anka ɛnyɛ nea meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka nso kyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tutu kogu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ.+
23 Nokwarem mise mo sɛ obiara a ɔka kyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a onnye kyim ne komam na mmom ɔwɔ gyidi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+
2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ+ akyɛde na minim ahintasɛm kronkron+ nyinaa, mewɔ nimdeɛ+ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw,+ na minni dɔ a, mensɛ hwee.+