Leviticus 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Nnya wo nua ho tan wo komam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Mmebusɛm 25:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi,+ Luka 17:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ onu ne ho a fa firi no.+