Marko 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Eyi nti na meka kyerɛ mo sɛ, ade biara a mobɔ ho mpae na mubisa no, munnya gyidi sɛ mo nsa aka awie, na mubenya.+ Yohane 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Afei nso biribiara a mubebisa me din mu no, mɛyɛ, na ama wɔahyɛ Agya no anuonyam Ɔba no mu.+ Yohane 16:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Ebesi sesɛɛ mummisaa ade biako mpo wɔ me din mu. Mummisa na mo nsa bɛka, na mo anigye ayɛ mã.+ 1 Yohane 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 na biribiara a yebisa no,+ yenya fi ne hɔ, efisɛ yedi n’ahyɛde so na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.+ 1 Yohane 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.+
24 Eyi nti na meka kyerɛ mo sɛ, ade biara a mobɔ ho mpae na mubisa no, munnya gyidi sɛ mo nsa aka awie, na mubenya.+