Mateo 18:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Dɔn no mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Hena na ɔyɛ kɛse ankasa wɔ ɔsoro ahenni mu?”+ Mateo 20:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 sɛnea onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom+ de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree no.”+ Marko 10:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfo,+ Luka 9:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Afei asɛm bi sɔree wɔn mu a ɛfa nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho.+ Filipifo 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+
28 sɛnea onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom+ de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree no.”+
8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+