Deuteronomium 27:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “‘Nnome nka nea ogye adanmude kum ɔkra a onni fɔ.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Sakaria 11:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a,+ momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde nnwetɛbona aduasa+ tuaa me ka. Mateo 26:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 kɔkae sɛ: “Dɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔyɛe sɛ wɔbɛma no nnwetɛbona aduasa.+ Luka 22:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti wɔn ani gyei na wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 1 Timoteo 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na sikanibere+ yɛ bɔne nyinaa+ ntini,+ na ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+
12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a,+ momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde nnwetɛbona aduasa+ tuaa me ka.
10 Na sikanibere+ yɛ bɔne nyinaa+ ntini,+ na ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+