26 “Adapɛn aduosia abien no akyi no, wobetwa Mesia afi hɔ,+ na ɛrenka no hwee.+
“Na kurow no ne kronkronbea+ no, ɔkannifo a ɔbɛba no nkurɔfo bɛsɛe no.+ N’awiei bɛba sɛ nsuyiri. Akodi bɛkɔ so akosi sɛ awiei no bedu; nea wɔahyɛ ato hɔ ne amamfoyɛ.+
7 “O nkrante, sɔre bra me guanhwɛfo+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no+ na nguan no mmɔ nhwete,+ na mɛdan me nsa aba nkumaa+ no so.”