Yesaia 53:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+ Mateo 27:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso wammua no, na wanka asɛm biako mpo, enti ɛyɛɛ amrado no nwonwa paa.+ Yohane 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 na ɔkɔɔ amrado aban mu hɔ bio, na obisaa Yesu sɛ: “Wufi he?” Nanso Yesu amma no mmuae biara.+
7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+