Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Ahene 9:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.

  • 1 Ahene 9:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Na ofie yi bɛdan amamfõ,+ na obiara a otwam no de ahodwiriw+ bɛhwɛ na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne ofie yi sɛɛ?’+

  • Yeremia 7:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 me nso, ofie a me din+ da so a mode mo ho ato so yi,+ ne tenabea a mede maa mo agyanom no, mɛyɛ no sɛnea meyɛɛ Silo no ara.+

  • Mika 3:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase, na wobedwiriw Yerusalem asum hɔ,+ na asɔrefie bepɔw no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.

  • Mateo 24:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Obua see wɔn sɛ: “So munhu eyinom nyinaa? Nokwarem mise mo sɛ, wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so wɔ ha ɔkwan biara so a wɔrennwiriw ngu fam.”+

  • Marko 13:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Muhu adan akɛse yi?+ Wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo+ so wɔ ha ɔkwan biara so a wonnwiriw ngu fam.”+

  • Luka 19:44
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 44 na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo+ so wo mu, efisɛ woanhu bere a wɔbɛhwɛɛ wo no.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena