Hebrifo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 na mmom ɛfa nnuan+ ne anonne+ ne asubɔ*+ nkutoo ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛde a ɛfa ɔhonam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kosii sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yiye no bɛba.+ Leviticus 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Leviticus 20:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Monkora m’ahyɛde so na munni so.+ Me Yehowa na merema mo ho atew.+ Dwom 119:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 119 Anigye ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu,+Na wɔnantew Yehowa mmara mu.+
10 na mmom ɛfa nnuan+ ne anonne+ ne asubɔ*+ nkutoo ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛde a ɛfa ɔhonam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kosii sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yiye no bɛba.+