7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+
10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ obebubu no,+ na ɔma ɔyaree.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodi afɔre a,+ obehu n’asefo,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na nea ɛsɔ Yehowa ani+ begyina.+