3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+
22 na ɔkae sɛ: “Etwa sɛ onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no,+ na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.”+