Yohane 20:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔkaa saa no, ɔdan ne ho hwɛɛ n’akyi, na ohui sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na onnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ Yohane 21:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa po no ano, nanso asuafo no anhu sɛ ɛyɛ Yesu.+