Exodus 23:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Mma atosɛm nnyɛ wo dɛ.+ Na wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso nnkodi adansekurum.+ Exodus 23:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+ Leviticus 19:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “‘Mommmɔ korɔn,+ monnnaadaa+ obiara, na munntwa mo yɔnko nkontompo.+ Mmebusɛm 6:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 ɔdansekurumfo a otwa nkontompo,+ ne obi a ɔtoto anuanom ntam.+
7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+