2 Na eduu homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu; na wɔn a wɔretie no no mu fã kɛse no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nneɛma yi fii?+ Dɛn nti koraa na wɔama ɔbarima yi nyansa a ɛte sɛɛ na wɔnam ne nsa so yɛ ahoɔdenne saa?