Mateo 4:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Enti nnipadɔm pii dii n’akyi fii Galilea+ ne Dekapoli ne Yerusalem+ ne Yudea ne Yordan agya. Marko 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Yesu ne n’asuafo no fi hɔ kɔɔ mpoano; na nnipakuw kɛse fii Galilea ne Yudea dii n’akyi.+ Yohane 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na nnipakuw kɛse bi kɔɔ so dii n’akyi, nsɛnkyerɛnne a wohui sɛ ɔreyɛ wɔ wɔn a wɔyare ho nti.+