15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+
5 Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo+ na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo+ wɔ gyidi mu ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifo?+