Exodus 23:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Wuhu wo tamfo nantwi anaa n’afurum sɛ wayera a, fa no kɔma no.+ Mmebusɛm 25:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Sɛ ɔkɔm de nea ɔtan wo a, ma no aduan nni; na sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.+ Romafo 12:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mmom no, “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.”+
20 Mmom no, “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.”+