Mateo 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 na ɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne pefee. Luka 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na towgyefo mpo bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ?”+