Mateo 10:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 “Nea ogye mo no gye me nso, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no nso.+ Marko 9:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 “Obiara a obegye mmofra nkumaa yi mu bi me din mu no, na wagye me; na obiara a obegye me no nnye me nko, na mmom nea ɔsomaa me no nso.”+ Yohane 5:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 na ama obiara adi Ɔba no ni+ sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no ni.+ Yohane 13:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ogye obiara a mesoma no no gye me nso.+ Saa ara na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no nso.”+
37 “Obiara a obegye mmofra nkumaa yi mu bi me din mu no, na wagye me; na obiara a obegye me no nnye me nko, na mmom nea ɔsomaa me no nso.”+
23 na ama obiara adi Ɔba no ni+ sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no ni.+
20 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ogye obiara a mesoma no no gye me nso.+ Saa ara na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no nso.”+