Exodus 16:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mose toaa so sɛ: “Anwummere Yehowa bɛma mo nam awe na anɔpa nso wama mo aduan adi amee, efisɛ Yehowa ate anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no. Yɛn de yɛyɛ dɛn? Yehowa na munwiinwii hyɛ no na ɛnyɛ yɛn.”+ Yohane 12:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufo biako. Asɛm+ a maka no na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no; Yohane 15:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nea ɔtan me no tan m’Agya nso.+ 1 Tesalonikafo 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti nea obu nkyerɛkyerɛ yi animtiaa no,+ ɛnyɛ onipa na obu no animtiaa, na mmom Onyankopɔn+ a ɔde ne honhom kronkron+ hyɛ mo mu no.
8 Mose toaa so sɛ: “Anwummere Yehowa bɛma mo nam awe na anɔpa nso wama mo aduan adi amee, efisɛ Yehowa ate anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no. Yɛn de yɛyɛ dɛn? Yehowa na munwiinwii hyɛ no na ɛnyɛ yɛn.”+
48 Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufo biako. Asɛm+ a maka no na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no;
8 Enti nea obu nkyerɛkyerɛ yi animtiaa no,+ ɛnyɛ onipa na obu no animtiaa, na mmom Onyankopɔn+ a ɔde ne honhom kronkron+ hyɛ mo mu no.